< Nnwom 40 >

1 Dawid dwom. Mede boasetɔ twɛn Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.
Dawid dwom. Mede boasetɔ twɛnee Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.
2 Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu, fii dɔte ne dontori mu; ɔde mʼanan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinae.
Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; ɔde me nan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.
3 Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom, ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn. Bebree behu na wɔasuro, na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.
Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. Bebree bɛhunu na wɔasuro na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.
4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.
Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ, deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.
5 Awurade me Nyankopɔn woayɛ anwonwade bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.
Ao Awurade me Onyankopɔn woayɛ anwanwadeɛ bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.
6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, nanso woabue mʼaso; woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.
Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woabue mʼaso ama mahunu; woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.
7 Na mekae se, “Mini, maba, sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.
Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.
8 Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde; wo mmara wɔ me koma mu.”
Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”
9 Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase; mimmua mʼano, Awurade, sɛnea wunim no.
Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; meremmua mʼano, Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.
10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. Mankata wʼadɔe ne wo nokware so wɔ guabɔ kɛse no ase.
Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.
11 Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so; ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.
Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.
12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio. Ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma abotow wɔ me mu.
Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na mʼakoma aboto wɔ me mu.
13 Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no mfa aniwu nsan wɔn akyi.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.
15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.
16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Awurade yɛ ɔkɛse!”
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, “Momma Awurade so!”
17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwen me ho. Wo ne me boafo ne me gyefo; wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwene me ho. Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< Nnwom 40 >