< Nnwom 4 >

1 Dawid dwom. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
Dawid dwom. Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, Ao, me tenenee Onyankopɔn. Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.
2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?
Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?
3 Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.
Hunu sɛ Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a.
4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.
Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.
5 Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
6 Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.
8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao Awurade, na woma metena asomdwoeɛ mu. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.

< Nnwom 4 >