< Nnwom 39 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun. Dawid dwom. Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.
われ曩にいへり われ舌をもて罪ををかさざらんために我すべての途をつつしみ惡者のわがまへに在るあひだはわが口に衝をかけんと
2 Enti meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.
われ默して唖となり善言すらことばにいださず わが憂なほおこれり
3 Me koma ho guan no wɔ me mu. Midwinnwen no, ogya dɛwee; afei mede me tɛkrɛma kasae se:
わが心わがうちに熱し おもひつづくるほどに火もえぬればわれ舌をもていへらく
4 “Awurade, ma minhu me nkwa awiei ne me nna dodow; ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.
ヱホバよ願くはわが終とわが日の數のいくばくなるとを知しめたまへ わが無常をしらしめたまへ
5 Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ; na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.
觀よなんぢわがすべての日を一掌にすぎさらしめたまふ わがかいのち主前にてはなきにことならず 實にすべての人は皆その盛時だにもむなしからざるはなし (セラ)
6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa; ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
人の世にあるは影にことならず その思ひなやむことはむなしからざるなし その積蓄ふるものはたが手にをさまるをしらず
7 “Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ? Mʼanidaso wɔ wo mu.
主よわれ今なにをかまたん わが望はなんぢにあり
8 Gye me fi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.
ねがはくは我ぞすべて愆より助けいだしたまへ 愚なるものに誹らるることなからしめたまへ
9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano, efisɛ wo na woayɛ eyi.
われは默して口をひらかず 此はなんぢの成したまふ者なればなり
10 Yi wʼasotwe fi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
願くはなんぢの責をわれよりはなちたまへ 我なんぢの手にうちこらさるるによりて亡ぶるばかりになりぬ
11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee; onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.
なんぢ罪をせめて人をこらし その慕ひよろこぶところのものを蠧のくらふがごとく消うせしめたまふ 實にもろもろの人はむなしからざるなし (セラ)
12 “Awurade, tie me mpaebɔ, tie me sufrɛ; nsiw wʼaso wɔ me su ho. Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani, sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.
ああヱホバよねがはくはわが祈をきき わが號呼に耳をかたぶけたまへ わが涙をみて默したまふなかれ われはなんぢに寄る旅客すべてわが列祖のごとく宿れるものなり
13 Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio, ansa na mafi ha a mente ase bio.”
我ここを去てうせざる先になんぢ面をそむけてわれを爽快ならしめたまへ

< Nnwom 39 >