< Nnwom 39 >

1 Dawid dwom. Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.
למנצח לידיתון (לידותון) מזמור לדוד ב אמרתי-- אשמרה דרכי מחטוא בלשוני אשמרה לפי מחסום-- בעד רשע לנגדי
2 Enti meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.
נאלמתי דומיה החשיתי מטוב וכאבי נעכר
3 Me koma ho guan no wɔ me mu. Midwinnwen no, ogya dɛwee; afei mede me tɛkrɛma kasae se:
חם-לבי בקרבי--בהגיגי תבער-אש דברתי בלשוני
4 “Awurade, ma minhu me nkwa awiei ne me nna dodow; ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.
הודיעני יהוה קצי--ומדת ימי מה-היא אדעה מה-חדל אני
5 Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ; na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.
הנה טפחות נתתה ימי-- וחלדי כאין נגדך אך כל-הבל כל-אדם נצב סלה
6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa; ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
אך-בצלם יתהלך-איש-- אך-הבל יהמיון יצבר ולא-ידע מי-אספם
7 “Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ? Mʼanidaso wɔ wo mu.
ועתה מה-קויתי אדני-- תוחלתי לך היא
8 Gye me fi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.
מכל-פשעי הצילני חרפת נבל אל-תשימני
9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano, efisɛ wo na woayɛ eyi.
נאלמתי לא אפתח-פי כי אתה עשית
10 Yi wʼasotwe fi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
הסר מעלי נגעך מתגרת ידך אני כליתי
11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee; onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.
בתוכחות על-עון יסרת איש-- ותמס כעש חמודו אך הבל כל-אדם סלה
12 “Awurade, tie me mpaebɔ, tie me sufrɛ; nsiw wʼaso wɔ me su ho. Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani, sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.
שמעה תפלתי יהוה ושועתי האזינה-- אל-דמעתי אל-תחרש כי גר אנכי עמך תושב ככל-אבותי
13 Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio, ansa na mafi ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.
השע ממני ואבליגה-- בטרם אלך ואינני

< Nnwom 39 >