< Nnwom 36 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Awurade somfo Dawid dwom. Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho. Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.
耶和华的仆人大卫的诗,交与伶长。 恶人的罪过在他心里说: 我眼中不怕 神!
2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo, nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ.
他自夸自媚, 以为他的罪孽终不显露,不被恨恶。
3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa; onnim nyansa bio na wayɛ papa.
他口中的言语尽是罪孽诡诈; 他与智慧善行已经断绝。
4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne; na ogyaa ne ho ma bɔne kwan na ɔmpo nea enye.
他在床上图谋罪孽, 定意行不善的道,不憎恶恶事。
5 Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro wo nokwaredi du wim tɔnn.
耶和华啊,你的慈爱上及诸天; 你的信实达到穹苍。
6 Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse. Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.
你的公义好像高山; 你的判断如同深渊。 耶和华啊,人民、牲畜,你都救护。
7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛse ne nketewa nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
神啊,你的慈爱何其宝贵! 世人投靠在你翅膀的荫下。
8 Wodi nea abu so wɔ wo fi, woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.
他们必因你殿里的肥甘得以饱足; 你也必叫他们喝你乐河的水。
9 Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ; wo hann mu na yehu hann.
因为,在你那里有生命的源头; 在你的光中,我们必得见光。
10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo, ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.
愿你常施慈爱给认识你的人, 常以公义待心里正直的人。
11 Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.
不容骄傲人的脚践踏我; 不容凶恶人的手赶逐我。
12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.
在那里,作孽的人已经仆倒; 他们被推倒,不能再起来。

< Nnwom 36 >