< Nnwom 34 >

1 Dawid dwom a ɔtoo bere a ɔboapa dan ɔbɔdamfo wɔ Abimelek anim no na ɔpanyin no gyaa no ma ɔkɔe no akyi. Mede aseda bɛma Awurade bere nyinaa; nʼayeyi wɔ mʼanom daa.
Davidov. Kada se David pravio ludim pred Abimelekom, a on ALEF Blagoslivljat ću Jahvu u svako doba, njegova će mi hvala biti svagda na ustima!
2 Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ma amanehunufo nte na wonni ahurusi.
BET Nek' se Jahvom duša moja hvali: nek' čuju ponizni i nek' se raduju!
3 Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!
GIMEL Veličajte sa mnom Jahvu, uzvisujmo ime njegovo zajedno!
4 Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so; na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.
DALETTražio sam Jahvu, i on me usliša, izbavi me od straha svakoga.
5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.
HE U njega gledajte i razveselite se, da se ne postide lica vaša.
6 Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no; na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu.
ZAJIN Eto, jadnik vapi, a Jahve ga čuje, izbavlja ga iz svih tjeskoba.
7 Awurade bɔfo wɛn wɔn a wosuro no, na ogye wɔn.
HET Anđeo Jahvin tabor podiže oko njegovih štovalaca da ih spasi.
8 Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye. Nhyira ne onipa a oguan toa no.
TET Kušajte i vidite kako dobar je Jahve: blago čovjeku koji se njemu utječe!
9 Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo, na wɔn a wosuro no no nhia hwee.
JOD Bojte se Jahve, vi sveti njegovi: ne trpe oskudice koji ga se boje.
10 Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.
KAF Osiromašiše mogućnici i gladuju, a koji traže Jahvu ne trpe oskudice.
11 Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.
LAMED Dođite, djeco, i poslušajte me, učit ću vas strahu Gospodnjem.
12 Mo mu hena na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?
MEM O čovječe, ljubiš li život? Želiš li dane mnoge uživati dobra?
13 Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
NUN Jezik svoj oda zla suspreži i usne od riječi prijevarnih!
14 Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoe na tiw no.
SAMEK Zla se kloni, a čini dobro, traži mir i za njim idi!
15 Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ;
PE Oči Jahvine gledaju pravedne, uši mu slušaju vapaje njihove.
16 Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so.
AJIN Lice se Jahvino okreće protiv zločinaca da im spomen zatre na zemlji.
17 Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn; oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.
SADE Pravednici zazivaju, i Jahve ih čuje, izbavlja ih iz svih tjeskoba.
18 Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
KOF Blizu je Jahve onima koji su skršena srca, a klonule duše spasava.
19 Onipa trenee behu amane bebree nanso Awurade gye no fi ne nyinaa mu;
REŠ Mnoge nevolje ima pravednik, ali ga Jahve od svih izbavlja.
20 ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛnea mu baako mpo mu remmu.
ŠIN On čuva sve kosti njegove: ni jedna mu se neće slomiti.
21 Bɔne bekum ɔdebɔneyɛni; ɔtreneeni atamfo benya afɔbu.
TAU Opakost bezbošca ubija, platit će koji mrze pravednika.
22 Awurade gye nʼasomfo nkwa; wɔn a woguan toa no no mu biara renkɔ afɔbu mu.
Jahve izbavlja duše slugu svojih, i neće platiti tko god se njemu utječe.

< Nnwom 34 >