< Nnwom 32 >
1 Dawid dwom. Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
David’s An Instructive Psalm. How happy is he whose transgression is forgiven! whose sin is pardoned!
2 Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so na nnaadaa nni ne honhom mu.
How happy the son of earth, to whom Yahweh will not reckon iniquity! and in whose spirit is no guile!
3 Bere a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛw, apini a misii no da mu nyinaa nti.
When I kept silence, my bones became worn out, Through my groaning all the day;
4 Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden sae te sɛ awia bere mu ɔhyew.
For, day and night, heavy upon me, was thy hand, —Changed was my life-sap into the drought of summer. (Selah)
5 Afei, migyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumɔyɛ so. Mekae se, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
My sin, would I own unto thee, and, mine iniquity, not hide, I said, I will confess my transgressions unto Yahweh, And, thou, didst forgive the iniquity of my sin. (Selah)
6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae bere a wohu wo; ampa ara sɛ asu akɛse yiri a, ɛrenka no.
For this cause, will every man of lovingkindness pray unto thee, in time to obtain, —Surely, in the overflow of many waters, unto him, shall they not reach.
7 Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.
Thou, art a hiding-place for me, From distress, wilt thou preserve me, —With shouts of deliverance, wilt thou compass me about. (Selah)
8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so.
I will make thee discreet, I will point out to thee the way which thou must go, I will fix upon thee mine eye.
9 Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onni ntease nti wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Do not ye become like a horse, like a mule, without discernment, —With the bit and bridle of his mouth, [hast thou] to restrain him, —He will not come near unto thee.
10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
Many pains, hath the lawless one, —But, he that trusteth in Yahweh, Lovingkindness, shall compass him about.
11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo; monto dwom, mo a mo koma mu tew.
Rejoice in Yahweh and exult, O ye righteous, Yea, shout in triumph, all ye upright in heart!