< Nnwom 31 >
1 Dawid dwom. Wo mu, Awurade na manya guankɔbea; mma mʼanim ngu ase; fi wo trenee mu gye me.
In thee, O Jehovah, do I take refuge. Let me never be put to shame. Deliver me in thy righteousness.
2 Yɛ aso ma me, bra ntɛm begye me; yɛ me bammɔ botan, aban a mʼatamfo nsa renka me.
Bow down thine ear to me. Deliver me speedily. Be thou to me a strong rock, a house of defense to save me.
3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti, wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.
For thou are my rock and my fortress. Therefore for thy name's sake lead me and guide me.
4 Gye me fi afiri a wɔasum me no mu, efisɛ wo ne me guankɔbea.
Pluck me out of the net that they have laid secretly for me, for thou are my stronghold.
5 Wo nsam na mede me kra hyɛ; gye me bio, Awurade, Onyankopɔn nokwafo.
Into thy hand I commend my spirit. Thou have redeemed me, O Jehovah, thou God of truth.
6 Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw; mede me ho to Awurade so.
I hate those who regard lying vanities, but I trust in Jehovah.
7 Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu, efisɛ wuhu mʼamanehunu, na wunim me kra mu haw.
I will be glad and rejoice in thy loving kindness, for thou have seen my affliction. Thou have known my soul in adversities,
8 Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsa mmom wode me nan asisi petee mu.
and thou have not shut me up into the hand of the enemy. Thou have set my feet in a large place.
9 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me; awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.
Have mercy upon me, O Jehovah, for I am in distress. My eye wastes away with grief, yea, my soul and my body.
10 Ɔyawdi retew me nkwa so, na abooboo tew me mfe so; ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam, na me nnompe nso ahodwow.
For my life is spent with sorrow, and my years with sighing. My strength fails because of my iniquity, and my bones are wasted away.
11 Mʼatamfo nyinaa nti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wonim me suro me, na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.
I have become a reproach because of all my adversaries, yea, to my neighbors exceedingly, and a fear to my acquaintances. Those who saw me outside fled from me.
12 Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu; mayɛ sɛ kuku a abɔ.
I am forgotten as a dead man out of mind. I am like a broken vessel.
13 Mete asomsɛm dodow a wɔka ahunahuna atwa me ho ahyia. Wɔrepam me ti so, na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.
For I have heard the slander of many. Fear was on every side, while they took counsel together against me. They devised to take away my life.
14 Nanso mede me ho ato wo so, Awurade; meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”
But I trusted in thee, O Jehovah. I said, Thou are my God.
15 Me mmere wɔ wo nsam gye me fi mʼatamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
My times are in thy hand. Deliver me from the hand of my enemies, and from those who persecute me.
16 Tew wʼanim kyerɛ wo somfo; gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.
Make thy face to shine upon thy servant. Save me in thy loving kindness.
17 Mma mʼanim ngu ase, Awurade, efisɛ masu afrɛ wo; mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase na wɔnna wɔn nna mu komm. (Sheol )
Let me not be put to shame, O Jehovah, for I have called upon thee. Let the wicked be put to shame. Let them be silent in Sheol. (Sheol )
18 Mua atorofo ano, efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu kasa tia atreneefo.
Let the lying lips be dumb, which speak against the righteous man insolently, with pride and contempt.
19 Wo papayɛ dɔɔso, ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no wɔ nnipa anim.
O how great is thy goodness, which thou have laid up for those who fear thee, which thou have wrought for those who take refuge in thee before the sons of men!
20 Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mu fi nnipa nsusuwii bɔne ho; wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo fi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho.
In the covert of thy presence thou will hide them from the plotting of man. Thou will keep them secretly in a pavilion from the strife of tongues.
21 Ayeyi nka Awurade! Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ me bere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no.
Blessed be Jehovah, for he has shown me his marvelous loving kindness in a strong city.
22 Mebɔɔ huboa no mekae se: “Woayi wʼani afi me so!” Nanso wotee me mmɔborɔsu bere a mekotow srɛɛ wo no.
As for me, I said in my haste, I am cut off from before thine eyes. Nevertheless thou heard the voice of my supplications when I cried to thee.
23 Monnɔ Awurade mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa! Awurade kora wɔn a wodi nokware so, na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
O love Jehovah, all ye his sanctified. Jehovah preserves the faithful, and plentifully repays him who deals proudly.
24 Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu nyinaa.
Be strong, and let your heart take courage, all ye who hope in Jehovah.