< Nnwom 30 >
1 Dawid dwom. Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.
A Psalm; a Song at the Dedication of the House; [a Psalm] of David. I will extol thee, O LORD; for thou hast raised me up, and hast not made my foes to rejoice over me.
2 Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yare.
O LORD my God, I cried unto thee, and thou hast healed me.
3 Awurade, wuyii me fii ɔda mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu. (Sheol )
O LORD, thou hast brought up my soul from Sheol: thou hast kept me alive, that I should not go down to the pit. (Sheol )
4 Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotewfo! Monkamfo ne din kronkron no.
Sing praise unto the LORD, O ye saints of his, and give thanks to his holy name.
5 Nʼabufuw nkyɛ, na nʼadɔe wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
For his anger is but for a moment; in his favour is life: weeping may tarry for the night, but joy [cometh] in the morning.
6 Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, “Merenhinhim da.”
As for me, I said in my prosperity, I shall never be moved.
7 Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔw gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaw me no, me koma tui.
Thou, LORD, of thy favour hadst made my mountain to stand strong: thou didst hide thy face; I was troubled.
8 Wo, Awurade na mefrɛɛ wo; wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
I cried to thee, O LORD; and unto the LORD I made supplication:
9 “Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, sɛ mɛkɔ amoa mu? Mfutuma beyi wo ayɛ ana? Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
What profit is there in my blood, when I go down to the pit? Shall the dust praise thee? shall it declare thy truth?
10 Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ! Awurade, yɛ me boafo.”
Hear, O LORD, and have mercy upon me: LORD, be thou my helper.
11 Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw; wuyii mʼatweaatam fii me ho na wode anigye furaa me,
Thou hast turned for me my mourning into dancing; thou hast loosed my sackcloth, and girded me with gladness:
12 sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
To the end that [my] glory may sing praise to thee, and not be silent. O LORD my God, I will give thanks unto thee for ever.