< Nnwom 3 >

1 Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim. Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! dodow no ara na wɔsɔre tia me!
Un salmo de David, cuando huyó de su hijo Absalón. ¡Yahvé, cómo han aumentado mis adversarios! Muchos son los que se levantan contra mí.
2 Bebree no ara ka fa me ho se, “Onyankopɔn rennye no.”
Son muchos los que dicen de mi alma, “No hay ayuda para él en Dios”. (Selah)
3 Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.
Pero tú, Yahvé, eres un escudo a mi alrededor, mi gloria, y el que levanta mi cabeza.
4 Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.
Clamo a Yahvé con mi voz, y me responde desde su santo monte. (Selah)
5 Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.
Me acosté y dormí. Me he despertado, porque Yahvé me sostiene.
6 Merensuro atamfo mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no.
No tendré miedo de decenas de miles de personas que se han puesto en mi contra por todos lados.
7 Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se.
¡Levántate, Yahvé! ¡Sálvame, Dios mío! Porque has golpeado a todos mis enemigos en el pómulo. Has roto los dientes de los malvados.
8 Awurade hɔ na ogye fi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.
La salvación pertenece a Yahvé. Que tu bendición sea para tu pueblo. (Selah)

< Nnwom 3 >