< Nnwom 29 >

1 Dawid dwom. Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade. 2 Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu. 3 Awurade nne wɔ nsu no so; anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so. 4 Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ anuonyam. 5 Awurade nne bubu sida; Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete 6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba, na Sirion nso sɛ ɛko ba. 7 Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw. 8 Awurade nne wosow sare so; Awurade wosow Kades sare. 9 Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwae yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!” 10 Awurade di hene wɔ nsuyiri so; wɔasi Awurade hene afebɔɔ. 11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, na ɔde asomdwoe hyira wɔn.

< Nnwom 29 >