< Nnwom 28 >

1 Dawid dwom. Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan; nsiw wʼaso wɔ me ho. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.
[A Psalm] of David. Unto thee will I cry, O LORD my rock; be not silent to me: lest, [if] thou be silent to me, I become like them that go down into the pit.
2 Tie me mmɔborɔsu bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, bere a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
Hear the voice of my supplications, when I cry unto thee, when I lift up my hands toward thy holy oracle.
3 Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ, mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ, nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.
Draw me not away with the wicked, and with the workers of iniquity, which speak peace to their neighbours, but mischief [is] in their hearts.
4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.
Give them according to their deeds, and according to the wickedness of their endeavours: give them after the work of their hands; render to them their desert.
5 Sɛ wommu nea Awurade ayɛ ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.
Because they regard not the works of the LORD, nor the operation of his hands, he shall destroy them, and not build them up.
6 Ayeyi nka Awurade, efisɛ watie me mmɔborɔsu.
Blessed [be] the LORD, because he hath heard the voice of my supplications.
7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. Me koma di ahurusi na mede dwonto bɛda no ase.
The LORD [is] my strength and my shield; my heart trusted in him, and I am helped: therefore my heart greatly rejoiceth; and with my song will I praise him.
8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo; ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.
The LORD [is] their strength, and he [is] the saving strength of his anointed.
9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.
Save thy people, and bless thine inheritance: feed them also, and lift them up for ever.

< Nnwom 28 >