< Nnwom 27 >

1 Dawid dwom. Awurade ne me hann ne me nkwagye; hena na minsuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hena anim na me ho mpopo?
לדוד יהוה אורי וישעי ממי אירא יהוה מעוז חיי ממי אפחד׃
2 Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me pɛ sɛ wokum me, sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a, wobehintihintiw ahwehwe ase.
בקרב עלי מרעים לאכל את בשרי צרי ואיבי לי המה כשלו ונפלו׃
3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, me koma rentu; mpo sɛ wotu me so sa a, ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu.
אם תחנה עלי מחנה לא יירא לבי אם תקום עלי מלחמה בזאת אני בוטח׃
4 Ade baako na mibisa Awurade; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fi me nkwanna nyinaa, na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi.
אחת שאלתי מאת יהוה אותה אבקש שבתי בבית יהוה כל ימי חיי לחזות בנעם יהוה ולבקר בהיכלו׃
5 Hiada mu no, ɔde me besie nʼatenae dwoodwoo; ɔbɛkora me wɔ Ahyiae Ntamadan kronkron mu ɔde me si ɔbotan so wɔ sorosoro.
כי יצפנני בסכה ביום רעה יסתרני בסתר אהלו בצור ירוממני׃
6 Afei ɔbɛma me ti so wɔ atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigye bɛbɔ afɔre wɔ nʼAhyiae Ntamadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
ועתה ירום ראשי על איבי סביבותי ואזבחה באהלו זבחי תרועה אשירה ואזמרה ליהוה׃
7 Awurade, sɛ misu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so!
שמע יהוה קולי אקרא וחנני וענני׃
8 Me koma ka wɔ wo ho se, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Awurade na mɛhwehwɛ.
לך אמר לבי בקשו פני את פניך יהוה אבקש׃
9 Mfa wʼanim nhintaw me, mfa abufuw mpam wo somfo me boafo ne wo. Mpo me, na nnyaw me, mʼAgyenkwa Nyankopɔn.
אל תסתר פניך ממני אל תט באף עבדך עזרתי היית אל תטשני ואל תעזבני אלהי ישעי׃
10 Mʼagya ne me na begyaw me hɔ de, nanso Awurade begye me.
כי אבי ואמי עזבוני ויהוה יאספני׃
11 Kyerɛ me wʼakwan, Awurade; fa me fa ɔkwan tee so, me nhyɛsofo nti.
הורני יהוה דרכך ונחני בארח מישור למען שוררי׃
12 Nnyaa me mma sɛnea mʼatamfo pɛ, nnansekurumfo sɔre tia me na wopuw awurukasɛm.
אל תתנני בנפש צרי כי קמו בי עדי שקר ויפח חמס׃
13 Meda so wɔ saa anidaso yi sɛ: mehu Awurade ayamye wɔ ateasefo asase so.
לולא האמנתי לראות בטוב יהוה בארץ חיים׃
14 Twɛn Awurade. Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru na twɛn Awurade.
קוה אל יהוה חזק ויאמץ לבך וקוה אל יהוה׃

< Nnwom 27 >