< Nnwom 25 >

1 Dawid dwom. Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.
To you, O LORD, do I lift up my soul.
2 Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to, mma mʼanim ngu ase, na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.
O my God, I trust in you: let me not be ashamed, let not my enemies triumph over me.
3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara anim rengu ase da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no anim begu ase.
Yes, let none that wait on you be ashamed: let them be ashamed which transgress without cause.
4 Kyerɛ me wʼakwan, Awurade, na minhu wʼatempɔn.
Show me your ways, O LORD; teach me your paths.
5 Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me, efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo, na mʼani da wo so daa nyinaa.
Lead me in your truth, and teach me: for you are the God of my salvation; on you do I wait all the day.
6 Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse a ɛwɔ hɔ fi tete no.
Remember, O LORD, your tender mercies and your loving kindnesses; for they have been ever of old.
7 Nkae me mmabun bere mu bɔne ne mʼatuatew akwan; kae me sɛnea wʼadɔe te, Awurade, efisɛ wuye.
Remember not the sins of my youth, nor my transgressions: according to your mercy remember you me for your goodness’ sake, O LORD.
8 Awurade ye na ɔteɛ; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.
Good and upright is the LORD: therefore will he teach sinners in the way.
9 Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.
The meek will he guide in judgment: and the meek will he teach his way.
10 Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.
All the paths of the LORD are mercy and truth to such as keep his covenant and his testimonies.
11 Awurade, me bɔne so de, nanso wo din nti, fa kyɛ me.
For your name’s sake, O LORD, pardon my iniquity; for it is great.
12 Enti hena ne onipa a osuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.
What man is he that fears the LORD? him shall he teach in the way that he shall choose.
13 Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu, na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.
His soul shall dwell at ease; and his seed shall inherit the earth.
14 Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no; na ɔma wohu nʼapam.
The secret of the LORD is with them that fear him; and he will show them his covenant.
15 Mʼani da Awurade so daa, efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.
My eyes are ever toward the LORD; for he shall pluck my feet out of the net.
16 Dan wʼani hwɛ me, na dom me, efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
Turn you to me, and have mercy on me; for I am desolate and afflicted.
17 Me koma mu dadwen adɔɔso; yi me dadwen fi me so.
The troubles of my heart are enlarged: O bring you me out of my distresses.
18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa fi me so.
Look on my affliction and my pain; and forgive all my sins.
19 Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso ne ɔtan kɛse a wɔde tan me!
Consider my enemies; for they are many; and they hate me with cruel hatred.
20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me; mma mʼanim ngu ase, efisɛ me guankɔbea ne wo.
O keep my soul, and deliver me: let me not be ashamed; for I put my trust in you.
21 Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban, efisɛ mʼani da wo so.
Let integrity and uprightness preserve me; for I wait on you.
22 Gye Israel, Onyankopɔn, fi wɔn haw nyinaa mu.
Redeem Israel, O God, out of all his troubles.

< Nnwom 25 >