< Nnwom 24 >
1 Dawid dwom. Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de; wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no;
(Af David. En salme.) HERRENs er Jorden og dens Fylde, Jorderig og de, som bor derpå;
2 efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so na ɔde sii nsu ani.
thi han har grundlagt den på Have, grundfæstet den på Strømme.
3 Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no? Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?
Hvo kan gå op på HERRENs Bjerg, og hvo kan stå på hans hellige Sted?
4 Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu.
Den med skyldfri Hænder og Hjertet rent, som ikke sætter sin Hu til Løgn og ikke sværger falsk;
5 Obenya Awurade nsam nhyira ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn.
han får Velsignelse fra HERREN, Retfærdighed fra sin Frelses Gud.
6 Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.
Så er den Slægt, som spørger efter ham, som søger dit Åsyn, Jakobs Gud! (Sela)
7 Mo aponkɛse, momma mo ti so; wɔmma mo so, mo tete apon, na Anuonyam Hene nhyɛn mu.
Løft eders Hoveder, I Porte, løft jer, I ældgamle Døre, at Ærens Konge kan drage ind!
8 Hena ne saa Anuonyam Hene yi? Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo.
Hvo er den Ærens Konge? HERREN, stærk og vældig, HERREN, vældig i Krig!
9 Momma mo ti so, mo aponkɛse momma wɔn so, mo tete apon, na anuonyam Hene no nkɔ mu.
Løft eders Hoveder, I Porte, løft jer, I ældgamle Døre, at Ærens Konge kan drage ind!
10 Hena ne saa anuonyam Hene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne anuonyam Hene no.
Hvo er han, den Ærens Konge? HERREN, Hærskarers Herre, han er Ærens Konge! (Sela)