< Nnwom 23 >

1 Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
A Psalm of David. Jehovah is my shepherd; I shall not want.
2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,
He maketh me to lie down in green pastures; he leadeth me beside still waters.
3 odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.
He restoreth my soul; he leadeth me in paths of righteousness for his name's sake.
4 Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ.
Yea, though I walk through the valley of the shadow of death, I will fear no evil: for thou art with me; thy rod and thy staff, they comfort me.
5 Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so.
Thou preparest a table before me in the presence of mine enemies; thou hast anointed my head with oil; my cup runneth over.
6 Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwanna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.
Surely, goodness and loving-kindness shall follow me all the days of my life; and I will dwell in the house of Jehovah for the length of the days.

< Nnwom 23 >