< Nnwom 23 >

1 Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. 2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho, 3 odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti. 4 Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ. 5 Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so. 6 Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwanna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.

< Nnwom 23 >