< Nnwom 22 >

1 Dawid dwom. Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me? Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?
Dawid dwom. Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me? Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?
2 Me Nyankopɔn, misu frɛ wo awia, nanso wunnye me so, mefrɛ wo anadwo, nanso minnya ɔhome.
Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so, mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome.
3 Nanso wɔasi wo hene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo wo.
Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo woɔ.
4 Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛe; wogyee wo dii, na wugyee wɔn.
Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ; wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.
5 Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ.
Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.
6 Nanso meyɛ osunson, na menyɛ onipa nnipa bɔ me ahohora na wobu me animtiaa.
Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.
7 Obiara a ohu me di me ho fɛw; wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se:
Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw; wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:
8 “Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmegye no. Ma ɔmmɛboa no, efisɛ ɔwɔ no mu anigye.”
“Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmɛgye no. Ma ɔmmɛboa no, ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”
9 Wo na wuyii me fii awotwaa mu bae na womaa me de me ho too wo so bere a mitua me na nufu ano mpo.
Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ na womaa mede me ho too wo so ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo.
10 Efi mʼawo mu na wɔde me too wo so; efi me na yafunu mu, woayɛ me Nyankopɔn.
Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ; ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn.
11 Ntwe wo ho mfi me ho! Efisɛ amane abɛn na ɔboafo nni baabi.
Ntwe wo ho mfiri me ho! Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn na ɔboafoɔ nni baabi.
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
13 Gyata a wɔbobɔ mu na wɔtetew wɔn hanam mu abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
14 Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahodwow. Me koma adan amane; anan wɔ me mu.
Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahodwo. Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku; anane afiri me mu.
15 Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me to owu mfutuma mu.
Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me ato owuo mfuturo mu.
16 Akraman atwa me ho ahyia, nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia, wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.
Nkraman atwa me ho ahyia nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia, wɔahwire me nsa ne me nan mu.
17 Me nnompe nyinaa gu petee mu; Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me.
Mɛtumi akan me nnompe nyinaa; Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.
18 Wɔkyɛ me atade mu fa, na wɔbɔ me ntama so ntonto.
Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa, na wɔbɔ me ntoma so ntonto.
19 Na wo, Awurade, ntwe wo ho; wone mʼahoɔden, bra ntɛm bɛboa me.
Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho. Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me.
20 Gye me kra fi afoa ano; gye me nkwa a ɛsom bo no fi akraman tumi ase.
Gye me kra firi akofena ano; gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase.
21 Gye me nkwa fi gyata anom; gye me fi ɛko mmɛn so.
Gye me nkwa firi gyata anom; gye me firi ɛkoɔ mmɛn so.
22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
23 Monkamfo Awurade, mo a musuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam! Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!
Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!
24 Ommuu nʼani nguu ɔmanehunufo ateetee so ɛ, ɔmfaa nʼanim nhintaw no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no.
Ɔmmuu nʼani nguu ɔmanehunufoɔ ateetee so, ɔmfaa nʼanim nhintaa no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa.
25 Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo; medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim.
Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo; mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.
26 Ahiafo bedidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ Awurade beyi no ayɛ, mo koma nnya nkwa daa.
Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.
27 Asase ano nyinaa bɛkae akɔ Awurade nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkotow nʼanim,
Asase ano nyinaa bɛkae akɔ Awurade nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkoto nʼanim,
28 efisɛ tumi wɔ Awurade na odi amanaman so hene.
ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awurade na ɔdi amanaman so ɔhene.
29 Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no; wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a edidi so.
Nkyirimma nyinaa bɛsom no; wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ.
31 Wɔbɛka ne trenee akyerɛ nnipa a wonnya nwoo wɔn efisɛ ɔno na wayɛ.
Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ nnipa a wɔnnya nwoo wɔn ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.

< Nnwom 22 >