< Nnwom 21 >

1 Dawid dwom. Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!
大衛的詩,交與伶長。 耶和華啊,王必因你的能力歡喜; 因你的救恩,他的快樂何其大!
2 Woama no nea ne koma pɛ; woamfa nʼabisade ankame no.
他心裏所願的,你已經賜給他; 他嘴唇所求的,你未嘗不應允。 (細拉)
3 Wode nhyira a edi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.
你以美福迎接他, 把精金的冠冕戴在他頭上。
4 Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tenten a enni awiei.
他向你求壽,你便賜給他, 就是日子長久,直到永遠。
5 Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; wode kɛseyɛ ne nidi adom no.
他因你的救恩大有榮耀; 你又將尊榮威嚴加在他身上。
6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.
你使他有洪福,直到永遠, 又使他在你面前歡喜快樂。
7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, ɔrenhinhim.
王倚靠耶和華, 因至高者的慈愛必不搖動。
8 Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa; wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.
你的手要搜出你的一切仇敵; 你的右手要搜出那些恨你的人。
9 Bere a wubeyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn, na ne gya no ahyew wɔn.
你發怒的時候,要使他們如在炎熱的火爐中。 耶和華要在他的震怒中吞滅他們; 那火要把他們燒盡了。
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefo afi adesamma mu.
你必從世上滅絕他們的子孫, 從人間滅絕他們的後裔。
11 Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
因為他們有意加害於你; 他們想出計謀,卻不能做成。
12 efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.
你必使他們轉背逃跑, 向他們的臉搭箭在弦。
13 Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom.
耶和華啊,願你因自己的能力顯為至高! 這樣,我們就唱詩,歌頌你的大能。

< Nnwom 21 >