< Nnwom 20 >
1 Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.
Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.
3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.
Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.
4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.
Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.
5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.
Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo.
6 Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi, ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.
Afei mahunu sɛ Awurade gye deɛ wasra no no nkwa; ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ.
7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.
Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Onyankopɔn din so.
8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.
Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn.
9 Awurade, ma ɔhene nkonimdi! Yɛfrɛ a, gye yɛn so! Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Ao Awurade gye ɔhene nkwa! Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.