< Nnwom 20 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
大卫的诗,交与伶长。 愿耶和华在你遭难的日子应允你; 愿名为雅各 神的高举你。
2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.
愿他从圣所救助你, 从锡安坚固你,
3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.
记念你的一切供献, 悦纳你的燔祭, (细拉)
4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.
将你心所愿的赐给你, 成就你的一切筹算。
5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.
我们要因你的救恩夸胜, 要奉我们 神的名竖立旌旗。 愿耶和华成就你一切所求的!
6 Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi, ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.
现在我知道耶和华救护他的受膏者, 必从他的圣天上应允他, 用右手的能力救护他。
7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.
有人靠车,有人靠马, 但我们要提到耶和华—我们 神的名。
8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.
他们都屈身仆倒, 我们却起来,立得正直。
9 Awurade, ma ɔhene nkonimdi! Yɛfrɛ a, gye yɛn so!
求耶和华施行拯救; 我们呼求的时候,愿王应允我们!

< Nnwom 20 >