< Nnwom 2 >

1 Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?
何なればもろもろの國人はさわぎたち諸民はむなしきことを謀るや
2 Asase so ahemfo sɔre gyina na sodifo ka wɔn ho bɔ mu tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.
地のもろもろの王はたちかまへ群伯はともに議り ヱホバとその受膏者とにさからひていふ
3 Wɔka se, “Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.”
われらその械をこぼち その繩をすてんと
4 Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew; Awurade di wɔn ho fɛw.
天に坐ずるもの笑ひたまはん 主かれらを嘲りたまふべし
5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu, hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,
かくて主は忿恚をもてものいひ大なる怒をもてかれらを怖まどはしめて宣給ふ
6 “Masi me Hene wɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.”
しかれども我わが王をわがきよきシオンの山にたてたりと
7 Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde: Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.
われ詔命をのべんヱホバわれに宜まへり なんぢはわが子なり今日われなんぢを生り
8 Bisa me, na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade, asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.
われに求めよ さらば汝にもろもろの國を嗣業としてあたへ他の極をなんぢの有としてあたへん
9 Wode dade ahempema bedi wɔn so; na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”
汝くろがねの杖をもて彼等をうちやぶり陶工のうつはもののごとくに打砕かんと
10 Enti mo ahemfo, munsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.
されば汝等もろもろの王よ さとかれ地の審士輩をしへをうけよ
11 Momfa osuro nsom Awurade na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.
畏をもてヱホバにつかへ戦慄をもてよろこべ
12 Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.
子にくちつけせよ おそらくはかれ怒をはなちなんぢら途にほろびんその忿恚はすみやかに燃べければなり すべてかれに依頼むものは福ひなり

< Nnwom 2 >