< Nnwom 17 >

1 Dawid Mpaebɔ. Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu. 2 Ma me bembu mfi wo; ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ. 3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ. 4 Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho. 5 Menam wʼakwan so daa; me nan nhintiw ɛ. 6 Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn na wubegye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ. 7 Da wo dɔ nwonwaso no adi; wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa fi wɔn atamfo nsam no. 8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwini no ase, 9 fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no. 10 Wopirim wɔn koma, na wɔkasa ahantan so. 11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. 12 Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee. 13 Sɔre, Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam. 14 Awurade, fa wo nsa gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmabarima wɔ bebree, na wɔkora agyapade ma wɔn mma. 15 Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.

< Nnwom 17 >