< Nnwom 16 >
1 Dawid mpaebɔ. Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn, na wo mu na minya guankɔbea.
【上主是我的產業】天主,求您保祐我,因為我只投靠您。
2 Meka kyerɛɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; minni ade pa biara ka wo ho.”
我對天主說:唯有您是我的上主,唯有您是我的幸福。
3 Ahotefo a wɔwɔ asase no so de, wɔne anuonyamfo a mʼanigye wɔ wɔn mu.
對地上所有的聖族,我的心是如何地傾慕!
4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔn awerɛhow bɛdɔɔso. Merengu mogya nsa mma saa anyame no na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.
歸依其他神的人,他們的苦楚必然累增;我決不向他們行奠血之祭,他們的名號,我口決不提起。
5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya bammɔ.
上主,您是我的產業,您是我的杯爵;我得到您的基業,有您為我守著。
6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me; ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.
您恩賜給我在優雅的地區,我的產業實在令我滿心歡喜。
7 Mɛkamfo Awurade a otu me fo; na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.
我要稱頌引導我的上主,我的心連夜間也向我督促。
8 Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
我常將上主置於我的眼前,我決不動搖,因上主在我身邊。
9 Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi; me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,
因此我心高興,我靈喜歡,連我的肉軀也無憂安眠。
10 efisɛ, worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. (Sheol )
因為您絕不會將我遺棄在陰府,也絕不讓您的聖者見到腐朽。 (Sheol )
11 Woakyerɛ me nkwagye kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
請將您生命的道路指示給我,唯有在您面前才有圓滿的喜悅,永遠在您身邊才是我的福樂。