< Nnwom 150 >
1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
Hallelujah. Praise God in his holy place. Praise him in the sky, his stronghold.
2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.
Praise him for his deeds of power. Praise him for his boundless greatness.
3 Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,
Praise him with blast of horn; praise him with harp and lyre.
4 momfa akasaa ne asaw nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
Praise him with timbrel and dance; praise him with strings and pipe.
5 momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.
Praise him with resounding cymbals, praise him with clashing cymbals.
6 Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.
Let all that has breath praise the Lord. Hallelujah.