< Nnwom 15 >

1 Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?
מִזְמוֹר לְדָוִד יְהֹוָה מִי־יָגוּר בְּאׇהֳלֶךָ מִֽי־יִשְׁכֹּן בְּהַר קׇדְשֶֽׁךָ׃
2 Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu
הוֹלֵךְ תָּמִים וּפֹעֵל צֶדֶק וְדֹבֵר אֱמֶת בִּלְבָבֽוֹ׃
3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,
לֹֽא־רָגַל ׀ עַל־לְשֹׁנוֹ לֹא־עָשָׂה לְרֵעֵהוּ רָעָה וְחֶרְפָּה לֹא־נָשָׂא עַל־קְרֹבֽוֹ׃
4 nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo,
נִבְזֶה ׀ בְּֽעֵינָיו נִמְאָס וְאֶת־יִרְאֵי יְהֹוָה יְכַבֵּד נִשְׁבַּע לְהָרַע וְלֹא יָמִֽר׃
5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.
כַּסְפּוֹ ׀ לֹא־נָתַן בְּנֶשֶׁךְ וְשֹׁחַד עַל־נָקִי לֹא לָקָח עֹֽשֵׂה־אֵלֶּה לֹא יִמּוֹט לְעוֹלָֽם׃

< Nnwom 15 >