< Nnwom 149 >

1 Monkamfo Awurade. Monto dwom foforo mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu. 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu. 3 Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no. 4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo; ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo. 5 Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so. 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom, na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam, 7 sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so, 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw, 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no. Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 149 >