< Nnwom 148 >
1 Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.
Praise the Lord from the heavens, praise him in the heights.
2 Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.
Praise him, all his angels; praise him, all his hosts.
3 Owia ne ɔsram, monkamfo no, nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.
Praise him, sun and moon; praise him, all stars of light.
4 Monkamfo no, ɔsoro mu soro ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.
Praise him, you highest heavens, and you waters above the heavens.
5 Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.
Let them praise the name of the Lord, for at his command they were made.
6 Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.
And he fixed them for ever and ever by a law which they dare not transgress.
7 Monkamfo Awurade mfi asase so, mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,
Praise the Lord from the earth: you depths, with your monsters, all.
8 anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛde,
Fire, hail, snow and ice, and stormy wind doing his word.
9 mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,
All you mountains and hills, all you fruit trees and cedars,
10 nwura mu mmoa ne anantwi, abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,
all you wild beasts and tame, creeping things, birds on the wing.
11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,
All you kings and nations of earth; all you princes and judges of earth:
12 mmerante ne mmabaa, mmasiriwa ne mmofra nso.
young men and maidens together, old men and children together.
13 Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.
Let them praise the name of the Lord, for his name alone is exalted. Over heaven and earth is his glory.
14 Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.
He has lifted his people to honour. Wherefore this chorus of praise from his saints, from Israel, the people who stand in his fellowship. Hallelujah.