< Nnwom 146 >

1 Monkamfo Awurade. Me kra, kamfo Awurade!
Monkamfo Awurade. Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
2 Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa; mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.
Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.
3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.
Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adasamma a wɔrentumi nnye nkwa.
4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu, saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.
Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.
5 Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn, nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo, po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.
Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ daa no.
7 Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Awurade gyaa nneduafo,
Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ,
8 Awurade ma anifuraefo hu ade. Awurade ma wɔn a wɔakom no so, Awurade dɔ atreneefo.
Awurade ma anifirafoɔ hunu adeɛ. Awurade pagya wɔn a wɔakom. Awurade dɔ teneneefoɔ.
9 Awurade hwɛ ahɔho so, na ɔwowaw ayisaa ne akunafo, na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.
Awurade hwɛ ahɔhoɔ so na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ, na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani.
10 Awurade di hene daa daa, Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Monkamfo Awurade.
Sion, Awurade wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 146 >