< Nnwom 145 >

1 Ayeyi dwom. Dawid de. Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse; mɛkamfo wo din daa daa.
Ayɛyie dwom. Dawid deɛ. Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; mɛkamfo wo din daa daa.
2 Da biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.
Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.
3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse; obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.
4 Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo; wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.
Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.
5 Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.
Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.
6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.
Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.
7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa, na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.
Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.
8 Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo; ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
9 Awurade ye ma obiara; na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.
Awurade yɛ ma obiara; na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.
10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefo bɛma wo so.
Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; na wʼahotefoɔ bɛma wo so.
11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.
sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.
13 Wʼahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
Wʼahennie yɛ daa ahennie, na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so, na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
14 Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.
Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu.
16 Wubue wo nsam, na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.
Wobue wo nsam na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.
17 Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.
Awurade tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.
18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.
Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn; otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.
Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.
20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so, nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
21 Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.
Mʼano bɛkamfo Awurade. Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no daa daa.

< Nnwom 145 >