< Nnwom 143 >

1 Dawid dwom. Awurade, tie me mpaebɔ, tie me mmɔborɔsu; fi wo nokwaredi ne trenee mu bra bɛboa me.
Dawid dwom. Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me nkotosrɛ; wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu bra bɛboa me.
2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.
Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim.
3 Ɔtamfo no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena sum mu te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.
Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.
4 Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu; na me koma di yaw wɔ me mu.
Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.
5 Mekae tete nna no; midwinnwen wo nnwuma ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.
6 Mema me nsa so kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.
Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.
7 Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhintaw me anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.
Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.
8 Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.
Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.
9 Awurade gye me fi mʼatamfo nsam, na wo mu na mede me ho hintaw.
Ao Awurade gye me firi mʼatamfoɔ nsam, na wo mu na mede me ho hinta.
10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde, na wo ne me Nyankopɔn; ma wo honhom pa no nkogya me asasetaw so.
Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, na wo ne me Onyankopɔn; ma wo honhom pa no nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.
11 Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so; wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.
Ao Awurade, wo din enti, kyɛe me nkwa so; wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.
12 Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano; na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa, na meyɛ wo somfo.
Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ; na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa, na meyɛ wo ɔsomfoɔ.

< Nnwom 143 >