< Nnwom 141 >

1 Dawid dwom. Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.
מִזְמוֹר לְדָוִד יְהֹוָה קְרָאתִיךָ חוּשָׁה לִּי הַאֲזִינָה קוֹלִי בְּקׇרְאִי־לָֽךְ׃
2 Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.
תִּכּוֹן תְּפִלָּתִי קְטֹרֶת לְפָנֶיךָ מַֽשְׂאַת כַּפַּי מִנְחַת־עָֽרֶב׃
3 Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano; na wɛn mʼano pon.
שִׁיתָה יְהֹוָה שׇׁמְרָה לְפִי נִצְּרָה עַל־דַּל שְׂפָתָֽי׃
4 Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, mma me ne abɔnefo nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.
אַל־תַּט־לִבִּי לְדָבָר ׀ רָע לְהִתְעוֹלֵל עֲלִלוֹת ׀ בְּרֶשַׁע אֶת־אִישִׁים פֹּעֲלֵי־אָוֶן וּבַל־אֶלְחַם בְּמַנְעַמֵּיהֶֽם׃
5 Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye; ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo. Me ti rempo. Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.
יֶהֶלְמֵֽנִי צַדִּיק ׀ חֶסֶד וְֽיוֹכִיחֵנִי שֶׁמֶן רֹאשׁ אַל־יָנִי רֹאשִׁי כִּי־עוֹד וּתְפִלָּתִי בְּרָעוֹתֵיהֶֽם׃
6 Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam; na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.
נִשְׁמְטוּ בִֽידֵי־סֶלַע שֹׁפְטֵיהֶם וְשָׁמְעוּ אֲמָרַי כִּי נָעֵֽמוּ׃
7 Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no, saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.” (Sheol h7585)
כְּמוֹ פֹלֵחַ וּבֹקֵעַ בָּאָרֶץ נִפְזְרוּ עֲצָמֵינוּ לְפִי שְׁאֽוֹל׃ (Sheol h7585)
8 Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so; wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.
כִּי אֵלֶיךָ ׀ יֱהֹוִה אֲדֹנָי עֵינָי בְּכָה חָסִיתִי אַל־תְּעַר נַפְשִֽׁי׃
9 Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho, mfiri a abɔnefo asunsum no.
שׇׁמְרֵנִי מִידֵי פַח יָקְשׁוּ לִי וּמֹקְשׁוֹת פֹּעֲלֵי אָֽוֶן׃
10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn, bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.
יִפְּלוּ בְמַכְמֹרָיו רְשָׁעִים יַחַד אָנֹכִי עַֽד־אֶעֱבֽוֹר׃

< Nnwom 141 >