< Nnwom 14 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
برای رهبر سرایندگان. مزمور داوود. کسی که فکر می‌کند خدایی نیست، ابله است. چنین شخصی فاسد است و دست به کارهای پلید می‌زند و هیچ نیکی در او نیست.
2 Awurade fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
خداوند از آسمان به انسانها نگاه می‌کند تا شخص فهمیده‌ای بیابد که طالب خدا باشد.
3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
اما همه گمراه شده‌اند، همه فاسد گشته‌اند، نیکوکاری نیست، حتی یک نفر.
4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Awurade?
آیا این بدکاران شعور ندارند؟ آنها که قوم مرا مانند نان می‌بلعند و می‌خورند و هرگز خداوند را نمی‌طلبند؟
5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn, efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.
ولی وحشت، آنها را فرا می‌گیرد زیرا خدا با درستکاران است.
6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe, nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.
بله، وقتی بدکاران امید آدم بیچاره را نقش بر آب می‌کنند، خداوند او را در پناه خود می‌گیرد.
7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!
کاش که نجات برای اسرائیل از صهیون فرا می‌رسید و خداوند سعادت گذشته را به قوم خود باز می‌گردانید! بگذار یعقوب شادی کند و اسرائیل به وجد آید!

< Nnwom 14 >