< Nnwom 139 >
1 Dawid dwom. Awurade, woahwehwɛ me mu na woahu me.
Dawid dwom. Ao Awurade, woahwehwɛ me mu na woahunu me.
2 Wunim mʼasetena ne me sɔre; wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.
Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu.
3 Wunim mʼadifi ne me nnae mu; wunim mʼakwan nyinaa mu.
Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; wonim mʼakwan nyinaa.
4 Ansa na mebue mʼano akasa no Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.
Ansa na mɛbue mʼano akasa no Ao Awurade, na wonim ne nyinaa dada.
5 Woakata me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban.
Woatwa me ho nyinaa ahyia na wobɔ me ho ban.
6 Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho.
Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so, ɛyɛ me nwanwa dodo.
7 Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ? Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?
Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ?
8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni. (Sheol )
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie. (Sheol )
9 Sɛ mede adekyee ntaban tu na mekɔtena po akyi nohɔ a,
Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a,
10 mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ, na wo nsa nifa beso me mu.
mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ, na wo nsa nifa bɛsɔ me mu.
11 Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”
Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,”
12 sum mpo nyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; sum ne hann yɛ wo pɛ.
esum mpo nnyɛ sum mma wo; na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ.
13 Na wo na wobɔɔ me honhom wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
Na wo na wobɔɔ me honhom wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu.
14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu; wo nnwuma yɛ nwonwa. Minim ɛno yiye pa ara.
Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. Wo nnwuma yɛ nwanwa. Menim ɛno yie pa ara.
15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no; bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no,
16 wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no. Nna dodow a woatwa ama me no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu ansa na mu baako reba mu.
wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. Nna dodoɔ a woatwa ama me no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu ansa na emu baako reba mu.
17 Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me! woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!
Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo!
18 Sɛ mise mɛkan a, ne dodow bɛboro mpoano nwea, sɛ minyan a, me ne wo wɔ hɔ ara.
Sɛ mese mɛkan a, ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, sɛ menyane a, me ne wo wɔ hɔ ara.
19 Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ! Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!
Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!
20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfo mmmɔ wo din pa.
Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa.
21 Awurade, metan wɔn a wɔtan wo, na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?
Ao Awurade, metane wɔn a wɔtane wo, na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ.
22 Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfo.
Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ.
23 Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma; sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.
Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene.
24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na di mʼanim fa daa nkwa kwan so. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.