< Nnwom 138 >
1 Dawid de. Awurade, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ; mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim.
われはわが心をつくしてなんぢに感謝し もろもろの神のまへにて汝をほめうたはん
2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti, efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye; ama asen wo titiriwyɛ.
我なんぢのきよき宮にむかひて伏拝み なんぢの仁慈とまこととの故によりて聖名にかんしやせん そは汝そのみことばをもろもろの聖名にまさりて高くしたまひたればなり
3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so; woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ.
汝わがよばはりし日にわれにこたへ わが霊魂にちからをあたへて雄々しからしめたまへり
4 Awurade, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a, ma wɔnkamfo wo.
ヱホバよ地のすべての王はなんぢに感謝せん かれらはなんぢの口のもろもろの言をききたればなり
5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade anuonyam yɛ kɛse.
かれらはヱホバのもろもろの途についてうたはん ヱホバの榮光おほいなればなり
6 Ɛwɔ mu sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.
ヱホバは高くましませども卑きものを顧みたまふ されど亦おごれるものを遠よりしりたまへり
7 Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de, nanso wobɔ me nkwa ho ban; woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
縦ひわれ患難のなかを歩むとも汝われをふたたび活し その手をのばしてわが仇のいかりをふせぎ その右の手われをすくひたまふべし
8 Awurade bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; Awurade, wʼadɔe wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
ヱホバはわれに係れることを全うしたまはん ヱホバよなんぢの憐憫はとこしへにたゆることなし願くはなんぢの手のもろもろの事跡をすてたまふなかれ