< Nnwom 133 >

1 Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bɔ mu tena faako!
A song of ascents. Of David. Behold, how good and pleasant it is when brothers live together in harmony!
2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na esian kogu bɔgyesɛ mu, esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, ma bi kogu nʼatade kɔn mu.
It is like fine oil on the head, running down on the beard, running down Aaron’s beard over the collar of his robes.
3 Ɛte sɛ Hermon bosu a ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a to ntwa da no.
It is like the dew of Hermon falling on the mountains of Zion. For there the LORD has bestowed the blessing of life forevermore.

< Nnwom 133 >