< Nnwom 130 >

1 Ɔsoroforo dwom. Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;
Ɔsorokorɔ dwom. Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;
2 Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ.
Ao Awurade tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ.
3 Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obetumi agyina ano?
Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
4 Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno nti wosuro wo.
Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno enti wɔsuro wo.
5 Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.
Metwɛn Awurade, me kra twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.
6 Metwɛn Awurade sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.
Me kra twɛne Awurade sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.
7 Israel, ma wʼani nna Awurade so, efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ na ogye ankasa wɔ ne mu.
Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu.
8 Ɔno ankasa begye Israel afi wɔn bɔne nyinaa mu.
Ɔno ankasa bɛgye Israel afiri wɔn bɔne nyinaa mu.

< Nnwom 130 >