< Nnwom 13 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?
2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?
Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?
3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.
Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.
4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.
Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.
5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.
Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.
6 Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ ɔne me adi no yiye.
Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.

< Nnwom 13 >