< Nnwom 13 >

1 Dawid dwom. Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?
למנצח מזמור לדוד
2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?
עד-אנה יהוה תשכחני נצח עד-אנה תסתיר את-פניך ממני
3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.
עד-אנה אשית עצות בנפשי-- יגון בלבבי יומם עד-אנה ירום איבי עלי
4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.
הביטה ענני יהוה אלהי האירה עיני פן-אישן המות
5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.
פן-יאמר איבי יכלתיו צרי יגילו כי אמוט
6 Mɛto dwom ama Awurade, efisɛ ɔne me adi no yiye. Wɔde ma dwonkyerɛfo no.
ואני בחסדך בטחתי-- יגל לבי בישועתך אשירה ליהוה כי גמל עלי

< Nnwom 13 >