< Nnwom 129 >

1 Ɔsoroforo dwom. “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, ma Israel nka ɛ. 2 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ. 3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi ayɛ wɔn nkɔmoa atenten. 4 Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni; watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.” 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi. 6 Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi, a ennyin na ɛhyew; 7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma, na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma. 8 Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se, “Awurade nhyira mmra mo so; yehyira mo wɔ Awurade din mu.”

< Nnwom 129 >