< Nnwom 129 >

1 Ɔsoroforo dwom. “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, ma Israel nka ɛ.
A Song of the Ascents. Often they distressed me from my youth, Pray, let Israel say:
2 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.
Often they distressed me from my youth, Yet they have not prevailed over me.
3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi ayɛ wɔn nkɔmoa atenten.
Over my back have ploughers ploughed, They have made long their furrows.
4 Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni; watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”
Jehovah [is] righteous, He hath cut asunder cords of the wicked.
5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.
Confounded and turn backward do all hating Zion.
6 Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi, a ennyin na ɛhyew;
They are as grass of the roofs, That before it was drawn out withereth,
7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma, na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.
That hath not filled the hand of a reaper, And the bosom of a binder of sheaves.
8 Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se, “Awurade nhyira mmra mo so; yehyira mo wɔ Awurade din mu.”
And the passers by have not said, 'The blessing of Jehovah [is] on you, We blessed you in the Name of Jehovah!'

< Nnwom 129 >