< Nnwom 128 >
1 Ɔsoroforo dwom. Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so.
Sang til Festrejserne. Salig enhver, som frygter HERREN og gaar paa hans Veje!
2 Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.
Dit Arbejdes Frugt skal du nyde, salig er du, det gaar dig vel!
3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia.
Som en frugtbar Vinranke er din Hustru inde i dit Hus, som Oliekviste er dine Sønner rundt om dit Bord.
4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no.
Se, saa velsignes den Mand, der frygter HERREN.
5 Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa.
HERREN velsigne dig fra Zion, at du maa se Jerusalems Lykke alle dit Livs Dage
6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.
og se dine Sønners Sønner! Fred over Israel!