< Nnwom 127 >

1 Ɔsoroforo dwom. Salomo de. Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.
A Song of the Ascents, by Solomon. If Jehovah doth not build the house, In vain have its builders laboured at it, If Jehovah doth not watch a city, In vain hath a watchman waked.
2 Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.
Vain for you who are rising early, Who delay sitting, eating the bread of griefs, So He giveth to His beloved one sleep.
3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no.
Lo, an inheritance of Jehovah [are] sons, A reward [is] the fruit of the womb.
4 Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
As arrows in the hand of a mighty one, So [are] the sons of the young men.
5 Nhyira ne onipa a nʼagyan kotoku ayɛ ma. Nʼanim rengu ase bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.
O the happiness of the man Who hath filled his quiver with them, They are not ashamed, For they speak with enemies in the gate!

< Nnwom 127 >