< Nnwom 126 >
1 Ɔsoroforo dwom. Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.
(Sang til Festrejserne.) Da HERREN hjemførte Zions fanger, var vi som drømmende;
2 Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”
da fyldtes vor Mund med Latter, vor Tunge med Frydesang; da hed det blandt Folkene: "HERREN har gjort store Ting imod dem!"
3 Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, na anigye ahyɛ yɛn ma.
HERREN har gjort store Ting imod os, og vi blev glade.
4 Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn, te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.
Vend, o Herre, vort Fangenskab, som Sydlandets Strømme!
5 Wɔn a wodua no nusu mu no de anigye nnwom betwa.
De; som sår med Gråd, skal høste med Frydesang;
6 Wɔn a wɔde osu fi adi so aba a wɔrekodua no, de anigye nnwom bɛsan aba a wɔsoso nnɔbae afiafi.
de går deres Gang med Gråd, når de udstrør Sæden, med Frydesang kommer de hjem, bærende deres Neg.