< Nnwom 125 >

1 Ɔsoroforo dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion, a ɛnwosow na etim hɔ daa no.
שיר המעלות הבטחים ביהוה כהר ציון לא ימוט לעולם ישב׃
2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia mprempren ne daa.
ירושלם הרים סביב לה ויהוה סביב לעמו מעתה ועד עולם׃
3 Amumɔyɛfo ahempema renka asase a wɔde ama atreneefo no so, sɛ ɛba saa a, atreneefo nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
כי לא ינוח שבט הרשע על גורל הצדיקים למען לא ישלחו הצדיקים בעולתה ידיהם׃
4 Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.
היטיבה יהוה לטובים ולישרים בלבותם׃
5 Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de, Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu. Asomdwoe nka Israel.
והמטים עקלקלותם יוליכם יהוה את פעלי האון שלום על ישראל׃

< Nnwom 125 >