< Nnwom 124 >

1 Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka, 2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so, 3 bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann; 4 anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ, 5 anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ. 6 Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu. 7 Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan. 8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.

< Nnwom 124 >