< Nnwom 123 >
1 Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro.
A song of ascents. I lift up my eyes to You, the One enthroned in heaven.
2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.
As the eyes of servants look to the hand of their master, as the eyes of a maidservant look to the hand of her mistress, so our eyes are on the LORD our God until He shows us mercy.
3 Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtiaa bebree.
Have mercy on us, O LORD, have mercy, for we have endured much contempt.
4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, ahantanfo animtiaabu afono yɛn.
We have endured much scorn from the arrogant, much contempt from the proud.