< Nnwom 120 >

1 Ɔsoroforo dwom. Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so.
Ɔsoroforɔ dwom. Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so.
2 Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?
Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma?
4 Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.
Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso.
5 Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu!
Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu!
6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo.
Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu.
7 Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.
Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.

< Nnwom 120 >