< Nnwom 12 >

1 Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu.
Zborovođi. U oktavi. Psalam. Davidov. U pomoć, Jahve, jer nestaje pobožnih, vjernosti nema više među ljudima!
2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
Svatko laže svome bližnjemu, govori usnama lažljivim i srcem dvoličnim.
3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;
Istrijebi, Jahve, sve usne lažljive i jezik hvastavi;
4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”
one što zbore: “Jezik je naša snaga, naše su usne za nas: tko nam što može?”
5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”
“Zbog nevolje tlačenih i jauka ubogih sada ću ustati - govori Jahve - spasenje donijet' onom tko ga želi.”
6 Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason.
Riječi su Jahvine riječi iskrene, srebro prokušano, od zemlje odvojeno, sedam puta očišćeno.
7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.
O Jahve, ti ćeš bdjeti nad nama, od naraštaja ovog čuvat' nas svagda,
8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
pa nek' se okolo vrzu zlotvori, nek' se izdižu ljudi najgori.

< Nnwom 12 >