< Nnwom 119 >

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.
Blessed are the undefiled in the way, who walk in the law of the LORD.
2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde, na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.
Blessed are they that keep his testimonies, and that seek him with the whole heart.
3 Wɔnyɛ mfomso biara; na wɔnam nʼakwan so.
They also do no iniquity: they walk in his ways.
4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ.
You have commanded us to keep your precepts diligently.
5 Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi, ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ!
O that my ways were directed to keep your statutes!
6 Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a, ɛno de, anka mʼanim rengu ase.
Then shall I not be ashamed, when I have respect to all your commandments.
7 Mede koma a mu tew bɛkamfo wo bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no.
I will praise you with uprightness of heart, when I shall have learned your righteous judgments.
8 Medi wo hyɛ nsɛm so; na nnyaw me korakora.
I will keep your statutes: O forsake me not utterly.
9 Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew? Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.
Wherewithal shall a young man cleanse his way? by taking heed thereto according to your word.
10 Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo; mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
With my whole heart have I sought you: O let me not wander from your commandments.
11 Mede wʼasɛm asie me koma mu sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
Your word have I hid in my heart, that I might not sin against you.
12 Awurade, ayeyi nka wo; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
Blessed are you, O LORD: teach me your statutes.
13 Mede mʼano ka mmara a efi wʼanom nyinaa.
With my lips have I declared all the judgments of your mouth.
14 Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.
I have rejoiced in the way of your testimonies, as much as in all riches.
15 Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho na mehwehwɛ wʼakwan mu.
I will meditate in your precepts, and have respect to your ways.
16 Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.
I will delight myself in your statutes: I will not forget your word.
17 Yɛ wo somfo yiye; na matena ase adi wʼasɛm so.
Deal bountifully with your servant, that I may live, and keep your word.
18 Bue mʼani na minhu anwonwade a ɛwɔ wo mmara no mu.
Open you my eyes, that I may behold wondrous things out of your law.
19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; mfa wo mmaransɛm no nhintaw me.
I am a stranger in the earth: hide not your commandments from me.
20 Me kra tɔ beraw bere biara, wo mmara ho anigyina nti.
My soul breaks for the longing that it has to your judgments at all times.
21 Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn, na wɔman fi wo mmaransɛm ho no.
You have rebuked the proud that are cursed, which do err from your commandments.
22 Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu, efisɛ midi wʼahyɛde so.
Remove from me reproach and contempt; for I have kept your testimonies.
23 Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku, nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho.
Princes also did sit and speak against me: but your servant did meditate in your statutes.
24 Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede na ɛyɛ me fotufo.
Your testimonies also are my delight and my counsellors.
25 Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu; kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te.
My soul sticks to the dust: quicken you me according to your word.
26 Mesesee mʼakwan na wugyee me so; kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde.
I have declared my ways, and you heard me: teach me your statutes.
27 Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; na mesusuw wʼanwonwade ho.
Make me to understand the way of your precepts: so shall I talk of your wondrous works.
28 Awerɛhow ama me kra atɔ beraw; hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ.
My soul melts for heaviness: strengthen you me according to your word.
29 Yi me fi nnaadaa akwan so; na fa wo mmara so dom me.
Remove from me the way of lying: and grant me your law graciously.
30 Mafa nokware kwan no so; mede me koma abata wo mmara ho.
I have chosen the way of truth: your judgments have I laid before me.
31 Awurade, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen, mma mʼanim ngu ase.
I have stuck to your testimonies: O LORD, put me not to shame.
32 Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, efisɛ woama mʼadwene mu adɔ.
I will run the way of your commandments, when you shall enlarge my heart.
33 Kyerɛkyerɛ me, Awurade, na minni wo hyɛ nsɛm so, na medi so akosi awiei.
Teach me, O LORD, the way of your statutes; and I shall keep it to the end.
34 Ma me ntease, na medi wo mmara so, na mede me koma nyinaa bedi so.
Give me understanding, and I shall keep your law; yes, I shall observe it with my whole heart.
35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no na hɔ na minya anigye.
Make me to go in the path of your commandments; for therein do I delight.
36 Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho.
Incline my heart to your testimonies, and not to covetousness.
37 Yi mʼani fi nneɛma hunu so; na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te.
Turn away my eyes from beholding vanity; and quicken you me in your way.
38 Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so, na wasuro wo.
Establish your word to your servant, who is devoted to your fear.
39 Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ, efisɛ wo mmara yɛ papa.
Turn away my reproach which I fear: for your judgments are good.
40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu.
Behold, I have longed after your precepts: quicken me in your righteousness.
41 Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te.
Let your mercies come also to me, O LORD, even your salvation, according to your word.
42 Afei mebua nea oyi me ahi no, efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso.
So shall I have with which to answer him that reproaches me: for I trust in your word.
43 Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom, efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu.
And take not the word of truth utterly out of my mouth; for I have hoped in your judgments.
44 Medi wo mmara so bere biara akosi daa apem.
So shall I keep your law continually for ever and ever.
45 Mede ahofadi bɛnantew, efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
And I will walk at liberty: for I seek your precepts.
46 Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim na wɔrengu mʼanim ase,
I will speak of your testimonies also before kings, and will not be ashamed.
47 efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho, na medɔ no.
And I will delight myself in your commandments, which I have loved.
48 Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no, na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.
My hands also will I lift up to your commandments, which I have loved; and I will meditate in your statutes.
49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo, efisɛ woama me anidaso.
Remember the word to your servant, on which you have caused me to hope.
50 Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
This is my comfort in my affliction: for your word has quickened me.
51 Ahantanfo bu me animtiaa bebree, nanso mennan mfi wo mmara ho.
The proud have had me greatly in derision: yet have I not declined from your law.
52 Awurade mekae wo tete mmara no, na minya awerɛkyekye wɔ mu.
I remembered your judgments of old, O LORD; and have comforted myself.
53 Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo a wɔapo wo mmara nti.
Horror has taken hold on me because of the wicked that forsake your law.
54 Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban wɔ baabiara a mesoɛ.
Your statutes have been my songs in the house of my pilgrimage.
55 Awurade, anadwo mekae wo din, na medi wo mmara so.
I have remembered your name, O LORD, in the night, and have kept your law.
56 Eyi ne ade a meyɛ da biara, midi wo nkyerɛkyerɛ so.
This I had, because I kept your precepts.
57 Awurade, wo ne me kyɛfa; mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so.
You are my portion, O LORD: I have said that I would keep your words.
58 Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo; hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te.
I entreated your favor with my whole heart: be merciful to me according to your word.
59 Madwene mʼakwan ho na madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde.
I thought on my ways, and turned my feet to your testimonies.
60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn sɛ medi wo mmara nsɛm so.
I made haste, and delayed not to keep your commandments.
61 Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me, nanso me werɛ remfi wo mmara.
The bands of the wicked have robbed me: but I have not forgotten your law.
62 Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo, wo mmara a ɛteɛ nti.
At midnight I will rise to give thanks to you because of your righteous judgments.
63 Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo, wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa.
I am a companion of all them that fear you, and of them that keep your precepts.
64 Awurade, wʼadɔe ahyɛ asase so ma; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
The earth, O LORD, is full of your mercy: teach me your statutes.
65 Wo ne wo somfo nni no yiye sɛnea wʼasɛm te, Awurade.
You have dealt well with your servant, O LORD, according to your word.
66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa, efisɛ migye wo mmara nsɛm no di.
Teach me good judgment and knowledge: for I have believed your commandments.
67 Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane, na mprempren de midi wʼasɛm so.
Before I was afflicted I went astray: but now have I kept your word.
68 Wuye, na nea woyɛ nso ye; kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
You are good, and do good; teach me your statutes.
69 Ahantanfo de atoro asra me ho de, nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
The proud have forged a lie against me: but I will keep your precepts with my whole heart.
70 Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema, nanso mʼani gye wo mmara ho.
Their heart is as fat as grease; but I delight in your law.
71 Eye sɛ mihuu amane sɛnea mesua wo hyɛ nsɛm.
It is good for me that I have been afflicted; that I might learn your statutes.
72 Mmara a efi wʼanom no som bo ma me sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem.
The law of your mouth is better to me than thousands of gold and silver.
73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me; ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm.
Your hands have made me and fashioned me: give me understanding, that I may learn your commandments.
74 Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye, efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
They that fear you will be glad when they see me; because I have hoped in your word.
75 Awurade, minim sɛnea wo mmara te, na nokwaredi mu na woatwe mʼaso.
I know, O LORD, that your judgments are right, and that you in faithfulness have afflicted me.
76 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no.
Let, I pray you, your merciful kindness be for my comfort, according to your word to your servant.
77 Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa, efisɛ mʼani ka wo mmara ho.
Let your tender mercies come to me, that I may live: for your law is my delight.
78 Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho.
Let the proud be ashamed; for they dealt perversely with me without a cause: but I will meditate in your precepts.
79 Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn, wɔn a wɔte wo mmara ase no.
Let those that fear you turn to me, and those that have known your testimonies.
80 Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho, na mʼanim angu ase.
Let my heart be sound in your statutes; that I be not ashamed.
81 Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti, nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
My soul faints for your salvation: but I hope in your word.
82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”
My eyes fail for your word, saying, When will you comfort me?
83 Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de, nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no.
For I am become like a bottle in the smoke; yet do I not forget your statutes.
84 Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
How many are the days of your servant? when will you execute judgment on them that persecute me?
85 Ahantanfo atu amoa de asum me afiri, a ɛne wo mmara bɔ abira.
The proud have dig pits for me, which are not after your law.
86 Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso; boa me, efisɛ nnipa taa me kwa.
All your commandments are faithful: they persecute me wrongfully; help you me.
87 Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so, nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi.
They had almost consumed me on earth; but I forsook not your precepts.
88 Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te, na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so.
Quicken me after your loving kindness; so shall I keep the testimony of your mouth.
89 Awurade, wʼasɛm no wɔ hɔ daa; egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
For ever, O LORD, your word is settled in heaven.
90 Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; wode asase sii hɔ, na etim hɔ.
Your faithfulness is to all generations: you have established the earth, and it stays.
91 Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ, na nneɛma nyinaa som wo.
They continue this day according to your ordinances: for all are your servants.
92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, anka mʼamanehunu akum me.
Unless your law had been my delights, I should then have perished in my affliction.
93 Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no, efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
I will never forget your precepts: for with them you have quickened me.
94 Gye me nkwa, na meyɛ wo de; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
I am yours, save me: for I have sought your precepts.
95 Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, misusuw wʼahyɛde ho.
The wicked have waited for me to destroy me: but I will consider your testimonies.
96 Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem; nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye.
I have seen an end of all perfection: but your commandment is exceeding broad.
97 Ao, medɔ wo mmara no yiye! Midwinnwen ho da mu nyinaa.
O how I love your law! it is my meditation all the day.
98 Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo, efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
You through your commandments have made me wiser than my enemies: for they are ever with me.
99 Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa, efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho.
I have more understanding than all my teachers: for your testimonies are my (meditation)
100 Mewɔ ntease sen mpanyimfo, efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so.
I understand more than the ancients, because I keep your precepts.
101 Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so sɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm.
I have refrained my feet from every evil way, that I might keep your word.
102 Memman mfii wo mmara ho, efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
I have not departed from your judgments: for you have taught me.
103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom.
How sweet are your words to my taste! yes, sweeter than honey to my mouth!
104 Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu; enti mikyi ɔkwan bɔne biara.
Through your precepts I get understanding: therefore I hate every false way.
105 Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea ne me kwan so hann.
Your word is a lamp to my feet, and a light to my path.
106 Maka ntam ahyɛ mu kena se medi wo trenee mmara no so.
I have sworn, and I will perform it, that I will keep your righteous judgments.
107 Mahu amane bebree; kyɛe me nkwa so, Awurade, sɛnea wʼasɛm te.
I am afflicted very much: quicken me, O LORD, according to your word.
108 Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu, na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
Accept, I beseech you, the freewill offerings of my mouth, O LORD, and teach me your judgments.
109 Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de, nanso me werɛ remfi wo mmara.
My soul is continually in my hand: yet do I not forget your law.
110 Amumɔyɛfo asum me afiri, nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho.
The wicked have laid a snare for me: yet I erred not from your precepts.
111 Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ; ɛma me koma ani gye.
Your testimonies have I taken as an heritage for ever: for they are the rejoicing of my heart.
112 Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so akosi awiei.
I have inclined my heart to perform your statutes always, even to the end.
113 Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, na medɔ wo mmara.
I hate vain thoughts: but your law do I love.
114 Wone me guankɔbea ne me kyɛm; mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.
You are my hiding place and my shield: I hope in your word.
115 Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo, na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so!
Depart from me, you evildoers: for I will keep the commandments of my God.
116 Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu; mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa.
Uphold me according to your word, that I may live: and let me not be ashamed of my hope.
117 So me mu, na menya ogye; na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no.
Hold you me up, and I shall be safe: and I will have respect to your statutes continually.
118 Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa, na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
You have trodden down all them that err from your statutes: for their deceit is falsehood.
119 Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide; enti medɔ wʼahyɛde.
You put away all the wicked of the earth like dross: therefore I love your testimonies.
120 Wo ho suro ma me ho popo; wo mmara abɔ me hu.
My flesh trembles for fear of you; and I am afraid of your judgments.
121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so!
I have done judgment and justice: leave me not to my oppressors.
122 Hwɛ ma wo somfo nni yiye; mma ahantanfo nhyɛ me so.
Be surety for your servant for good: let not the proud oppress me.
123 Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu, ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no.
My eyes fail for your salvation, and for the word of your righteousness.
124 Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te, na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
Deal with your servant according to your mercy, and teach me your statutes.
125 Meyɛ wo somfo; ma me nhumu na mate wʼahyɛde ase.
I am your servant; give me understanding, that I may know your testimonies.
126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi; wɔrebu wo mmara so.
It is time for you, LORD, to work: for they have made void your law.
127 Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa,
Therefore I love your commandments above gold; yes, above fine gold.
128 na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti, mikyi ɔkwan bɔne biara.
Therefore I esteem all your precepts concerning all things to be right; and I hate every false way.
129 Wʼahyɛde yɛ nwonwa; enti midi so.
Your testimonies are wonderful: therefore does my soul keep them.
130 Wo nsɛm asete ma hann; na ɛma ntetekwaa nya ntease.
The entrance of your words gives light; it gives understanding to the simple.
131 Mibue mʼanom na migu ahome, na mʼani gyina wo mmara nsɛm.
I opened my mouth, and panted: for I longed for your commandments.
132 Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
Look you on me, and be merciful to me, as you use to do to those that love your name.
133 Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te; mma bɔne biara nni me so.
Order my steps in your word: and let not any iniquity have dominion over me.
134 Gye me fi nnipa nhyɛso mu, na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
Deliver me from the oppression of man: so will I keep your precepts.
135 Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
Make your face to shine on your servant; and teach me your statutes.
136 Nsuten nisu aguare me, efisɛ nnipa nni wo mmara so.
Rivers of waters run down my eyes, because they keep not your law.
137 Ɔtreneeni ne wo, Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ.
Righteous are you, O LORD, and upright are your judgments.
138 Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee; ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara.
Your testimonies that you have commanded are righteous and very faithful.
139 Abufuw ahyɛ me ma, efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so.
My zeal has consumed me, because my enemies have forgotten your words.
140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara, na wo somfo dɔ wɔn.
Your word is very pure: therefore your servant loves it.
141 Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de, nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ.
I am small and despised: yet do not I forget your precepts.
142 Wo trenee wɔ hɔ daa, na wo mmara no yɛ nokware.
Your righteousness is an everlasting righteousness, and your law is the truth.
143 Ɔhaw ne awerɛhow aba me so, nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw.
Trouble and anguish have taken hold on me: yet your commandments are my delights.
144 Wʼahyɛde yɛ nokware daa; ma me ntease na manya nkwa.
The righteousness of your testimonies is everlasting: give me understanding, and I shall live.
145 Awurade, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, na medi wo hyɛ nsɛm no so.
I cried with my whole heart; hear me, O LORD: I will keep your statutes.
146 Misu mefrɛ wo, gye me nkwa na midi wʼahyɛde so.
I cried to you; save me, and I shall keep your testimonies.
147 Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa; mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
I prevented the dawning of the morning, and cried: I hoped in your word.
148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, na misusuw wo bɔhyɛ ho.
My eyes prevent the night watches, that I might meditate in your word.
149 Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te.
Hear my voice according to your loving kindness: O LORD, quicken me according to your judgment.
150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn, nanso wɔne wo mmara ntam ware.
They draw near that follow after mischief: they are far from your law.
151 Awurade, wo de, wobɛn me, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.
You are near, O LORD; and all your commandments are truth.
152 Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde a wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
Concerning your testimonies, I have known of old that you have founded them for ever.
153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa efisɛ me werɛ mfii wo mmara no.
Consider my affliction, and deliver me: for I do not forget your law.
154 Di mʼasɛm ma me na gye me; kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te.
Plead my cause, and deliver me: quicken me according to your word.
155 Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware, efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no.
Salvation is far from the wicked: for they seek not your statutes.
156 Awurade, wʼayamhyehye yɛ kɛse; kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te.
Great are your tender mercies, O LORD: quicken me according to your judgments.
157 Atamfo a wɔteetee me dɔɔso, nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho.
Many are my persecutors and my enemies; yet do I not decline from your testimonies.
158 Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini, efisɛ wonni wʼasɛm so.
I beheld the transgressors, and was grieved; because they kept not your word.
159 Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; Awurade, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te.
Consider how I love your precepts: quicken me, O LORD, according to your loving kindness.
160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware; na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da.
Your word is true from the beginning: and every one of your righteous judgments endures for ever.
161 Sodifo taataa me kwa, nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro.
Princes have persecuted me without a cause: but my heart stands in awe of your word.
162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho te sɛ obi a wanya asade kɛse.
I rejoice at your word, as one that finds great spoil.
163 Mikyi nkontompo na medɔ wo mmara.
I hate and abhor lying: but your law do I love.
164 Mekamfo wo mpɛn ason da biara, wo mmara a ɛteɛ no nti.
Seven times a day do I praise you because of your righteous judgments.
165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso, na biribiara rentumi mma wonhintiw.
Great peace have they which love your law: and nothing shall offend them.
166 Awurade, metwɛn wo nkwagye, na midi wo mmara nsɛm so.
LORD, I have hoped for your salvation, and done your commandments.
167 Midi wʼahyɛde so na medɔ no yiye.
My soul has kept your testimonies; and I love them exceedingly.
168 Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so, na wunim mʼakwan nyinaa.
I have kept your precepts and your testimonies: for all my ways are before you.
169 Awurade, ma me sufrɛ nnu wʼanim; ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te.
Let my cry come near before you, O LORD: give me understanding according to your word.
170 Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim; na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te.
Let my supplication come before you: deliver me according to your word.
171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
My lips shall utter praise, when you have taught me your statutes.
172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.
My tongue shall speak of your word: for all your commandments are righteousness.
173 Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me, efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu.
Let your hand help me; for I have chosen your precepts.
174 Awurade, mʼani agyina wo nkwagye, na wo mmara yɛ mʼanigyede.
I have longed for your salvation, O LORD; and your law is my delight.
175 Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo, na wo mmara nso awowaw me.
Let my soul live, and it shall praise you; and let your judgments help me.
176 Mafom kwan sɛ oguan a wayera. Hwehwɛ wo somfo, efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ.
I have gone astray like a lost sheep; seek your servant; for I do not forget your commandments.

< Nnwom 119 >